Leviticus 26:32 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ampa ara, mɛma mo asase so ada mpan na mo atamfoɔ atena so, na deɛ mɛyɛ mo no ayɛ mo nwanwa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na me ara mɛsɛe asase no ama mo atamfoɔ a wɔbɛtena soɔ no ani so ayɛ wɔn yaa;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na me ara mɛsɛe asase no ama mo atamfoɔ a wɔbɛtena soɔ no ani so ayɛ wɔn yaa;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na me ara mɛsɛe asase no ma mo atamfo a wɔbɛtena so no ani so ayɛ wɔn yaa;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ampa ara, mɛma mo asase so ada mpan na mo atamfo atena so, na nea mɛyɛ mo no ayɛ mo nwonwa.