Leviticus 26:45 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mɛkae tete apam a me ne wɔn agyanom a meyii wɔn firii Misraim, ɛberɛ a amanaman nyinaa rehwɛ no, yɛeɛ no. Me Awurade ne wɔn Onyankopɔn.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔn nti mɛkae apam a mene wɔn agyanom a meyii wɔn firii Misraim asase so wiase amanaman nyinaa anim pam sɛ mɛyɛ wɔn Nyankopɔn no ama wɔn: Mene AWURADE.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔn nti mɛkae apam a mene wɔn agyanom a meyii wɔn firii Misraim asase so wiase amanaman nyinaa anim pamm sɛ mɛyɛ wɔn Nyankopɔn no ama wɔn: Mene AWURADE.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔn nti mɛkae apam a me ne wɔn agyanom a miyii wɔn fii Misraim asase so, wiase amanaman nyinaa anim, pamee sɛ mɛyɛ wɔn Onyankopɔn no: Mene AWURADE.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mɛkae tete apam a me ne wɔn agyanom a miyii wɔn fii Misraim, bere a amanaman nyinaa rehwɛ no yɛe no. Me Awurade ne wɔn Nyankopɔn.’ ”