Leviticus 27:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnsɛ sɛ ɔsesa saa aboa no. Ɛnsɛ sɛ ɔde deɛ ɛyɛ sesa deɛ ɛnyɛ anaa sɛ ɔde deɛ ɛnyɛ sesa deɛ ɛyɛ. Sɛ ɛba sɛ wɔyɛ saa nsesayɛ yi a, wɔbɛfa no sɛ mmoa mmienu no nyinaa ho te.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔnnsakyera, na wɔmmfa papa nnsesa bɔne anaasɛ bɔne nnsesa papa; na sɛ sesa na wɔde aboa sesa aboa a, ɛnneɛ ɛno ne deɛ wɔde sesaeɛ no nyinaa nyɛ kronkron.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔnnsakyera, na wɔmmfa papa nnsesa bɔne anaasɛ bɔne nnsesa papa; na sɛ sesa na wɔde aboa sesa aboa a, ɛnneɛ ɛno ne deɛ wɔde sesaeɛ no nyinaa nyɛ kronkron.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔnnsakra, na wɔmmfa papa nnsesa bɔne anaasɛ bɔne nnsesa papa; na sɛ ɛba sɛ wɔde aboa sesa aboa a, ɛnne ɛno ne nea wɔde sesae no nyinaa nyɛ kronkron.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnsɛ sɛ ɔsesa saa aboa no. Ɛnsɛ sɛ ɔde nea eye sesa nea enye anaa sɛ ɔde nea enye sesa nea eye. Sɛ ɛba sɛ wɔyɛ saa nsesae yi a, wɔbɛfa no sɛ mmoa abien no nyinaa ho tew.