Leviticus 27:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ ɔde asase no ma wɔ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no akyi a, ɔsɔfoɔ no bɛgyina mfeɛ a aka ansa na Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ a ɛdi so no so asese ne boɔ, na wɔbɛtumi ate so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na sɛ ahosɛpɛ afahyɛ afe no akyi na ɔyɛ n’asase no kronkron a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no mmu n’akonta mma no sɛdeɛ mfeɛ a aka na ahosɛpɛ afahyɛ afe aduro no teɛ no, na wɔnte wo boɔ no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na sɛ ahosɛpɛ afahyɛ afe no akyi na ɔyɛ n’asase no kronkron a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no mmu n’akonta mma no sɛdeɛ mfeɛ a aka na ahosɛpɛ afahyɛ afe aduro no teɛ no, na wɔnte wo boɔ no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na sɛ ahosɛpɛw afahyɛ afe no akyi na ɔyɛ n'asase no kronkron a, ɛnne ɔsɔfo no mmu n'akontaa mma no sɛ mfe a aka na ahosɛpɛw afahyɛ afe no adu no te no, na wɔntew wo bo no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ ɔde asase no ma wɔ Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no akyi a, ɔsɔfo no begyina mfe a aka ansa na Mfirihyia Aduonum Afahyɛ a edi so no so asese ne bo no, na wobetumi atew so.