Leviticus 27:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ɔbɛtua dwetɛ gram ahanum ne aduɔson (570) ama ɔbarima a wadi mfeɛ aduonu kɔsi mfeɛ aduosia,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛboɔ a bɔ nie: Ɔbarima a wadi mfirinhyia aduonu de kɔsi mfeɛ aduosia, ɛboɔ a bɔ nyɛ nnwetɛbena aduonum sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛboɔ a bɔ nie: Ɔbarima a wadi mfirinhyia aduonu de kɔsi mfeɛ aduosia, ɛboɔ a bɔ nyɛ nnwetɛbena aduonum sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ɛbo a bɔ ni: Ɔbarima a wadi mfirihyia aduonu de kosi mfe aduosia, ɛbo a bɔ nyɛ nnwetɛbona aduonum, sɛ kronkronbea dwetɛbona te no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
obetua dwetɛ gram ahannum ne aduoson (570) ama ɔbarima a wadi mfe aduonu kosi mfe aduosia,