Leviticus 27:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
abarimaa a wadi mfeɛ enum kɔsi aduonu no nso wɔbɛtua dwetɛ gram ahanu ne aduasa (230). Sɛ ɔyɛ ɔbaa a, wɔbɛtua dwetɛ gram ɔha ne dunum (115).
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na sɛ wadi mfeɛ nnum de kɔsi mfeɛ aduonu na sɛ ɔyɛ ɔbarima a, wo boɔ nyɛ nnwetɛbena aduonu, na sɛ ɔyɛ ɔbaa a, nnwetɛbena du.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na sɛ wadi mfeɛ nnum de kɔsi mfeɛ aduonu na sɛ ɔyɛ ɔbarima a, wo boɔ nyɛ nnwetɛbena aduonu, na sɛ ɔyɛ ɔbaa a, nnwetɛbena du.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na sɛ wadi mfe anum de kosi mfe aduonu na sɛ ɔyɛ ɔbarima a, wo bo nyɛ nnwetɛbona aduonu, na sɛ ɔyɛ ɔbea a, nnwetɛbona du;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
abarimaa a wadi mfe anum kosi aduonu no nso wobetua dwetɛ gram ahannu ne aduasa (230). Sɛ ɔyɛ ɔbea a, wobetua dwetɛ gram ɔha ne dunum (115).