Leviticus 3:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Sɛ abirekyie anaa odwan na mode bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade a, ɛnsɛ sɛ ɛdɛm biara ba ne ho na ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini anaa ɔbereɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ a ɔde rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE no yɛ nnwan no bi a, onini oo, ɔbedeɛ oo, deɛ ɔdi mu na ɔmfa mmra.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ a ɔde rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE no yɛ nnwan no bi a, onini oo, ɔbedeɛ oo, deɛ ɔdi mu na ɔmfa mmra.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ n'ayɛyɛde a ɔde rebɛbɔ asomdwoe afɔre ama AWURADE no yɛ nguan no bi a, onini oo, ɔbere oo, nea odi mu na ɔmfa mmra.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Sɛ abirekyi anaa oguan na mode bɛbɔ asomdwoe afɔre ama Awurade a, ɛnsɛ sɛ dɛm biara ba ne ho na ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini anaa ɔbere.