Leviticus 4:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ wɔhunu wɔn bɔne a, wɔde nantwie ba bɛba abɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na wɔhunu bɔne a wɔayɛ de afom no a, ɛnneɛ, asafo no mfa nantwie ba onini mmra mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na wɔmfa no mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na wɔhunu bɔne a wɔayɛ de afom no a, ɛnneɛ, asafo no mfa nantwie ba onini mmra mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na wɔmfa no mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wohu bɔne a wɔayɛ de afom no a, ɛnne asafo no mfa nantwi ba onini mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔre, na wɔmfa no mmra ahyiae ntamadan no ano.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ wohu wɔn bɔne a, wɔde nantwi ba bɛba abɛbɔ bɔne ho afɔre wɔ Ahyiae Ntamadan no mu.