Leviticus 4:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔde mogya bɛgu mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu wɔ Awurade anim. Afei ɔbɛhwie mogya a aka wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no afɔrebukyia no ase no agu wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɔmfa mogya no bi nkeka afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no mu, no mmɛn ho, na ɔnhwie mogya no nyinaa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia a ɛsi ahyiaeɛ ntomadan ano no ase.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɔmfa mogya no bi nkeka afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no mu, no mmɛn ho, na ɔnhwie mogya no nyinaa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia a ɛsi ahyiaeɛ ntomadan ano no ase.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔmfa mogya no bi nkeka afɔremuka a esi AWURADE anim, ahyiae ntamadan no mu no mmɛn ho, na onhwie mogya no nyinaa ngu ɔhyew afɔremuka a esi ahyiae ntamadan ano no ase.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔde mogya begu mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no so wɔ Ahyiae Ntamadan no mu wɔ Awurade anim. Afei obehwie mogya a aka wɔ ɔhyew afɔre no afɔremuka no ase no agu wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano.