Leviticus 4:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei asɔfoɔ no bɛtwe nantwinini ba no de no akɔ beaeɛ foforɔ bi so akɔhye no wɔ hɔ te sɛ deɛ ɔrebɔ ɔbaakofoɔ bɔne ho afɔdeɛ no. Nanso yei deɛ, ɛyɛ ɔman mu no nyinaa afɔrebɔdeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔmfa nantwinini no mfiri nkɔ nsraban no akyi, na ɔnhye no sɛdeɛ wɔhyee kane nantwinini no, asafo no bɔne ho afɔdeɛ ne no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔmfa nantwinini no mfiri nkɔ nsraban no akyi, na ɔnhye no sɛdeɛ wɔhyee kane nantwinini no, asafo no bɔne ho afɔdeɛ ne no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔmfa nantwinini no mfi nkɔ nsra no akyi, na ɔnhyew no sɛnea wɔhyew kan nantwinini no, asafo no bɔne ho afɔre ne no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei asɔfo no bɛtwe nantwinini ba no de no akɔ beae foforo bi akɔhyew no wɔ hɔ te sɛnea ɔrebɔ ɔbaakofo bɔne ho afɔre no. Nanso eyi de, ɛyɛ ɔman mu no nyinaa afɔrebɔde.