Leviticus 4:31 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔbɛyi sradeɛ no nyinaa afiri mu te sɛ deɛ wɔfa bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no ara. Na ɔsɔfoɔ no bɛhye no wɔ afɔrebukyia no so. Na Awurade ani bɛsɔ. Ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama saa onipa no na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔnyi ɛho sradeɛ sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no ɔhyeɛ afɔrebukyia no so, na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔnyi ɛho sradeɛ sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no ɔhyeɛ afɔrebukyia no so, na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na onyi ɛho srade sɛnea woyi asomdwoe afɔre de no, na ɔsɔfo no nhyew wɔ ɔhyew afɔremuka no so, na enyi hua huamhuam mma AWURADE; na ɔsɔfo no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wobeyi srade no nyinaa afi mu te sɛ nea wɔfa bɔ asomdwoe afɔre no ara. Na ɔsɔfo no bɛhyew no wɔ afɔremuka no so. Na Awurade ani bɛsɔ. Ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama saa onipa no na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.