Leviticus 5:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Sɛ obi anhyɛ da na ɔgu ade kronkron ho fi a, ɔde odwennini a ne ho nni dɛm a ɔfata sɛ mpatadeɛ wɔ ne fɔ no ho bɛba abɛbɔ Awurade afɔdeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ obi anhyɛ da yɛ bɔne a ɛyɛ kusumdie wɔ AWURADE akronkronneɛ ho a, ɛnneɛ, n’asodie afɔdeɛ a ɔmfa mmrɛ AWURADE ne odwennini a ɔdi mu, sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ, dwetɛ nnwetɛbena mu, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; na ɛnyɛ asodie ho afɔdeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ obi anhyɛ da yɛ bɔne a ɛyɛ kusumdie wɔ AWURADE akronkronneɛ ho a, ɛnneɛ, n’asodie afɔdeɛ a ɔmfa mmrɛ AWURADE ne odwennini a ɔdi mu, sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ, dwetɛ nnwetɛbena mu, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; na ɛnyɛ asodie ho afɔdeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ obi anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a ɛyɛ kusumdi AWURADE akronkronne ho a, ɛnne n'asodi afɔre a ɔmfa mmrɛ AWURADE ne odwennini a odi mu, sɛnea wobɛbɔ ne bo, dwetɛ nnwetɛbona mu, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; na ɛnyɛ asodi ho afɔre.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Sɛ obi anhyɛ da na ogu ade kronkron ho fi a, ɔde odwennini a ne ho nni dɛm a ɔfata sɛ mpata wɔ nʼafɔdi no ho bɛba abɛbɔ Awurade afɔre.