Leviticus 6:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛberɛ yi nyinaa ɛsɛ sɛ ogya a ɛwɔ afɔrebukyia no so no dɛre. Ɛnsɛ sɛ ɛdum. Anɔpa biara ɔsɔfoɔ no de ogya foforɔ bɛhyɛ mu na ɔde ɛda biara ɔhyeɛ afɔdeɛ agu so, na wahye sradeɛ a wɔde bɔ ɛda biara asomdwoeɛ afɔdeɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔmma afɔrebukyia so gya no nnɛre, ennnum ara da, na ɔsɔfoɔ no nsɔ nnyina wɔ so daa anɔpa, na ɔnsiesie ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ so, na ɔnhye so asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔmma afɔrebukyia so gya no nnɛre, ennnum ara da, na ɔsɔfoɔ no nsɔ nnyina wɔ so daa anɔpa, na ɔnsiesie ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ so, na ɔnhye so asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔmma afɔremuka so gya no nnɛw, ennnum ara da, na ɔsɔfo no nsɔ mmabaa wɔ so daa anɔpa, na onsiesie ɔhyew afɔre no wɔ so, na ɔnhyew so asomdwoe afɔre ho srade no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa bere yi nyinaa ɛsɛ sɛ ogya a ɛwɔ afɔremuka no so no dɛw. Ɛnsɛ sɛ edum. Anɔpa biara ɔsɔfo no de ogya foforo bɛhyɛ mu na ɔde da biara ɔhyew afɔre agu so, na wahyew srade a wɔde bɔ da biara asomdwoe afɔre no.