Leviticus 6:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ɛda a wɔbɛsra Aaron ne ne mmammarima ngo no, ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam lita mmienu ne fa brɛ Awurade. Wɔde fa bɛba anɔpa na wɔde fa aba anwummerɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yei ne Aaron ne ne mma ayɛyɛdeɛ a wɔmfa mmrɛ AWURADE, ɛda a wɔsra no ngo no; esiam olonka abupɛn du mu baako nyɛ daa ayɛyɛdeɛ, anɔpa deɛ fa na anwummerɛ deɛ fa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yei ne Aaron ne ne mma ayɛyɛdeɛ a wɔmfa mmrɛ AWURADE, ɛda a wɔsra no ngo no; esiam olonka abupɛn du mu baako nyɛ daa ayɛyɛdeɛ, anɔpa deɛ fa na anwummerɛ deɛ fa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyi ne Aaron ne ne mma ayɛyɛde a wɔmfa mmrɛ AWURADE, ɛda a wɔsra no ngo no, asikresam olonka abupɛn du mu biako nyɛ daa ayɛyɛde, anɔpa de fa na anwummere de fa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Da a wɔbɛsra Aaron ne ne mmabarima ngo no, ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam lita abien ne fa brɛ Awurade. Wɔde fa bɛba anɔpa na wɔde fa aba anwummere.