Leviticus 7:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Sɛ ɛyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ a, wɔmfa burodo a mmɔreka nni mu a wɔde ngo afra nka ho. Saa ara na wɔmfa burodo ntrawa bi a wɔde ngo agu so ne asikyiresiam mfrafraeɛ a wɔde afra ngo nka saa afɔrebɔdeɛ no ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ wɔyɛ no aseda afɔdeɛ de ba a, aseda afɔdeɛ a ɔde ba no nyɛ apiti taterɛ a wɔde ngo afɔre, ne apiti ɔfam a wɔde ngo agu soɔ ne esiam taterɛ a wɔde ngo afɔre akyeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ wɔyɛ no aseda afɔdeɛ de ba a, aseda afɔdeɛ a ɔde ba no nyɛ apiti taterɛ a wɔde ngo afɔre, ne apiti ɔfam a wɔde ngo agu soɔ ne esiam taterɛ a wɔde ngo afɔre akyeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ wɔyɛ no aseda afɔre de ba a, aseda afɔre a ɔde ba no nyɛ apiti tetare a wɔde ngo afɔtɔw, ne apiti fam a wɔde ngo agu so ne asikresam tetare a wɔde ngo afɔtɔw akyew.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Sɛ ɛyɛ asomdwoe afɔre a, wɔmfa brodo a mmɔkaw nni mu a wɔde ngo afra nka ho. Saa ara na wɔmfa brodo ntrantraa bi a wɔde ngo agu so ne asikresiam mfrafrae a wɔde afra ngo nka saa afɔrebɔde no ho.