Leviticus 7:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde saa afɔrebɔdeɛ yi bi bɛgyina afɔrebukyia no anim na wɔahim no afɔrebukyia no anim akɔ fa aba fa de akyerɛ sɛ, wɔde ama Awurade. Afei, wɔbɛdane afɔrebɔdeɛ no ama ɔsɔfoɔ a ɔpete aboa a wɔde no bɛbɔ afɔdeɛ no mogya a ɔboa dwumadie no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔmfa ayɛyɛdeɛ no mu biara baako mmra, na wɔmma so mma AWURADE, ɔsɔfoɔ a ɔde asomdwoeɛ afɔdeɛ mogya peteeɛ no na ɛnyɛ ne dea.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔmfa ayɛyɛdeɛ no mu biara baako mmra, na wɔmma so mma AWURADE, ɔsɔfoɔ a ɔde asomdwoeɛ afɔdeɛ mogya peteeɛ no na ɛnyɛ ne dea.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔmfa ayɛyɛde no mu biara biako mmra, na wɔmma so mma AWURADE, ɔsɔfo a ɔde asomdwoe afɔre mogya petee no na ɛnyɛ ne dea.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde saa afɔrebɔde yi bi begyina afɔremuka no anim na wɔahim wɔ afɔremuka no anim akɔ fa aba fa de akyerɛ sɛ wɔde ama Awurade. Afei, wɔbɛdan afɔrebɔde no ama ɔsɔfo a ɔpete aboa a wɔde no bɛbɔ afɔre no mogya a ɔboa dwumadi no.