Leviticus 7:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Na sɛ obi de afɔrebɔdeɛ bi ba a ɛnyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ na mmom, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ anaa ɛfiri nʼakoma mu na ɔde rebrɛ Awurade deɛ a, deɛ ɛbɛka biara wɔ afɔrebɔ no akyi no, sɛ adeɛ kye so a, wɔtumi we.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ bɔhyɛ anaa ayamyi ayɛyɛdeɛ a, wɔnni no da a ɔbɔ n’afɔdeɛ no, na sɛ adeɛ kye bi so a, wɔnni ara;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ bɔhyɛ anaa ayamyi ayɛyɛdeɛ a, wɔnni no da a ɔbɔ n’afɔdeɛ no, na sɛ adeɛ kye bi so a, wɔnni ara;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ n'ayɛyɛde no yɛ bɔhyɛ anaa ayamye ayɛyɛde a, wonni no da a ɔbɔ n'afɔre no, na sɛ ade kye bi so a, wonni ara;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Na sɛ obi de afɔrebɔde bi ba a ɛnyɛ asomdwoe afɔre na mmom, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ anaa efi ne koma mu na ɔde rebrɛ Awurade de a, nea ɛbɛka biara wɔ afɔrebɔ no akyi no, sɛ ade kye so a, wotumi we.