Leviticus 7:35 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn akatua ne no: Ɔhyeɛ afɔrebɔ no, wɔde bɛto nkyɛn na wɔde ama wɔn a wɔayi wɔn sɛ Awurade asɔfoɔ a ɛyɛ Aaron ne ne mmammarima.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yei ne Aaron kyɛfa ne ne mma kyɛfa a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ mu, ɛda a wɔde wɔn baa sɛ wɔmmɛdi AWURADE asɔfoɔ
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yei ne Aaron kyɛfa ne ne mma kyɛfa a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ mu, ɛda a wɔde wɔn baa sɛ wɔmmɛdi AWURADE asɔfoɔ
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyi ne Aaron kyɛfa ne ne mma kyɛfa a efi AWURADE gya afɔre mu, ɛda a wɔde wɔn bae sɛ wommedi AWURADE asɔfo,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn akatua ne no: Ɔhyew afɔrebɔ no, wɔde bɛto nkyɛn na wɔde ama wɔn a wɔayi wɔn sɛ Awurade asɔfo a ɛyɛ Aaron ne ne mmabarima no.