Leviticus 8:23 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mose kumm no na ɔde mogya no bi kaa Aaron aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Mose kumm no, na ɔfaa ne mogya no bi de kaa Aaron aso nifa ano ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Mose kumm no, na ɔfaa ne mogya no bi de kaa Aaron aso nifa ano ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na okum no, na Mose faa ne mogya no bi de kaa Aaron aso nifa ano ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ano.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mose kum no na ɔde mogya no bi kaa Aaron aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti.