Leviticus 8:26 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ɛnna ɔde saa burodo ntrawa a mmɔreka nni mu no baako nso ne burodo ntrawa no baako a wɔde ngo agu so ne burodo ntrawa baako a wɔfaa ne nyinaa firii kɛntɛn a wɔde bɛsii hɔ wɔ Awurade anim no mu guguu yeinom nyinaa so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɔfaa apiti kɛntɛn a ɛsi AWURADE anim no mu apiti taterɛ baako ne ngo paanoo taterɛ baako ne ɔfam baako de guu sradeɛ ne srɛ nifa no so,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɔfaa apiti kɛntɛn a ɛsi AWURADE anim no mu apiti taterɛ baako ne ngo paanoo taterɛ baako ne ɔfam baako de guu sradeɛ ne srɛ nifa no so,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔfaa apiti kɛntɛn a esi AWURADE anim no mu apiti tetare biako ne ngo abodoo tetare biako ne ɔfam biako de guu srade no ne ɔsrɛ nifa no so,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔde saa brodo ntrantraa a mmɔkaw nni mu no baako nso ne brodo ntrantraa no baako a wɔde ngo agu so ne brodo ntrantraa baako a wɔfaa ne nyinaa fii kɛntɛn a wɔde besii hɔ wɔ Awurade anim no mu guguu eyinom nyinaa so.