Leviticus 8:31 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmammarima no sɛ, “Monnoa ɛnam no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano na momfa nni burodo a ɛwɔ kɛntɛn a asɔfohyɛ afɔrebɔdeɛ wɔ mu no sɛdeɛ meka kyerɛɛ mo no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Monnoa nam no ahyiaeɛ ntomadan no ano, na monni no hɔ ara, ɛne atuhoakyɛ afɔdeɛ kɛntɛn no mu paanoo no, sɛdeɛ mehyɛɛ sɛ: Aaron ne ne mma nnie no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Monnoa nam no ahyiaeɛ ntomadan no ano, na monni no hɔ ara, ɛne atuhoakyɛ afɔdeɛ kɛntɛn no mu paanoo no, sɛdeɛ mehyɛɛ sɛ: Aaron ne ne mma nnie no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Monnoa nam no ahyiae ntamadan no ano, na munni no hɔ ara, ɛne nsamhyɛ afɔre kɛntɛn no mu abodoo no, sɛnea mehyɛe sɛ Aaron ne ne mma nni no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima no se, “Monnoa nam no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano na momfa nni brodo a ɛwɔ kɛntɛn a asɔfohyɛ afɔrebɔde wɔ mu no sɛnea meka kyerɛɛ mo no.