Leviticus 9:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔhoroo aboa no ayamdeɛ ne ne nan ho hyee no afɔrebukyia no so sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhohoroo ayamdeɛ ne nnyawa no ho, na ɔhyee no ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no soɔ no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhohoroo ayamdeɛ ne nnyawa no ho, na ɔhyee no ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no soɔ no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhohoroo ayamde ne nnyawa no ho, na ɔhyewee ɔhyew afɔre a ɛwɔ afɔremuka no so no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔhoroo aboa no ayamde ne ne nan ho hyew wɔ afɔremuka no so sɛ ɔhyew afɔre.