Leviticus 9:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti Aaron foro kɔɔ afɔrebukyia no so. Ɔkumm nantwie ba no de bɔɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔdeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Aaron twe pinii afɔrebukyia no ho, na ɔkum ne bɔne ho afɔdeɛ nantwie ba no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Aaron twe pinii afɔrebukyia no ho, na ɔkum ne bɔne ho afɔdeɛ nantwie ba no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Aaron twiw bɛn afɔremuka no ho, na okum ne bɔne ho afɔre nantwi ba no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Aaron foro kɔɔ afɔremuka no so. Okum nantwi ba no de bɔɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔre.