Luke 1:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sakaria buaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yei aba mu? Mabɔ akɔkoraa na me yere nso abɔ aberewa.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Sakaria see ɔbɔfoɔ no sɛ: Ɛdeɛn na mede bɛhunu yei? Ɛfiri sɛ mabɔ akora, na me yere nso abɔ aberewa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Sakaria see ɔbɔfoɔ no sɛ: Ɛdeɛn na mede bɛhunu yei? Ɛfiri sɛ mabɔ akora, na me yere nso abɔ aberewa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Sakaria see ɔbɔfo no sɛ: Dɛn na mede mehu eyi? Efisɛ mabɔ akora, na me yere nso abɔ aberewa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sakaria buaa ɔbɔfo no se, “Ɛbɛyɛ dɛn na eyi aba mu? Mabɔ akwakoraa na me yere nso abɔ aberewa.”