Luke 11:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ bi Yesu tuu honhommɔne bi a ɛyɛ mumu firii onipa bi mu. Honhommɔne no tu firii ne mu no, ɔkasaeɛ ma ɛyɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no nyinaa ahodwirie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔretu honhommɔne bi a ɔyɛ mum. Na ɛbaa sɛ honhommɔne no firii adie no, emum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no nwanwa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔretu honhommɔne bi a ɔyɛ mum. Na ɛbaa sɛ honhommɔne no firii adie no, emum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no nwanwa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔretu honhommɔne bi a ɔyɛ mum. Na ɛbae sɛ honhommɔne no fii adi no, mum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no nwonwa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere bi Yesu tuu honhommɔne bi a ɛyɛ mum fii onipa bi mu. Honhommɔne no tu fii ne mu no, ɔkasa ma ɛyɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no nyinaa ahodwiriw.