Luke 11:24 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Sɛ wɔtu honhommɔne firi onipa bi mu a, ɛkyinkyini hwehwɛ homebea, nanso, ɛnnya bi. Na sɛ wannya homebea a, ɔka sɛ, ‘Mɛsane akɔ onipa a mifirii ne mu baeɛ no mu bio.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ honhom fi firi onipa mu a, ɔkɔkyinkyini akwaweɛ so, hwehwɛ ɔhome; na ɔnnya bi a, ɔse: Mɛsane makɔ me dan a mefiri mu mebaeɛ no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ honhom fi firi onipa mu a, ɔkɔkyinkyini akwaweɛ so, hwehwɛ ɔhome; na ɔnnya bi a, ɔse: Mɛsane makɔ me dan a mefiri mu mebaeɛ no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ honhom fi, fi onipa mu a, okokyinkyin nkyerekyerewa so hwehwɛ ɔhome; na onnya bi a, ose: Mɛsan makɔ me dan a mifi mu mebae no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Sɛ wotu honhommɔne fi onipa bi mu a, ekyinkyin hwehwɛ homebea, nanso ennya bi. Na sɛ wannya homebea a ɔka se, ‘Mɛsan akɔ onipa a mifii ne mu bae no mu bio.’