Luke 12:51 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mosusu sɛ mebaeɛ sɛ mede asomdwoeɛ reba asase yi so? Dabi! Ɛnyɛ asomdwoeɛ na mede baeɛ na mmom mpaapaemu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mosusu sɛ mebaa sɛ merebɛma asomdwoeɛ asase so? Ɛnte saa, na mmom mpaepaemu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mosusu sɛ mebaa sɛ merebɛma asomdwoeɛ asase so? Ɛnte saa, na mmom mpaepaemu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Mususuw sɛ mebae sɛ merebɛma asomdwoe asase so? Ɛnte sa, na mmom mpaapaemu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mususuw sɛ mebae sɛ mede asomdwoe reba asase yi so? Dabi! Ɛnyɛ asomdwoe na mede bae na mmom mpaapaemu.