Luke 13:33 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, ɛsɛ sɛ menante ɛnnɛ ne ɔkyena ne nʼadekyeeɛ, na ɛtwa ara na ɛtwa sɛ odiyifoɔ bɛwu wɔ Yerusalem!
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nanso ɛsɛ sɛ menante nnɛ ne ɔkyena ne n’adekyeeɛ; na ɛnni ho kwan sɛ odiyifoɔ bi bɛtɔ baabi, gye Yerusalem.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nanso ɛsɛ sɛ menante nnɛ ne ɔkyena ne n’adekyeeɛ; na ɛnni ho kwan sɛ odiyifoɔ bi bɛtɔ baabi, gye Yerusalem.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nanso ɛsɛ me sɛ menantew nnɛ ne ɔkyena ne n’adekyee; na enni ho kwan sɛ odiyifo bi bɛtɔ baabi, gye Yerusalem.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso ɛsɛ sɛ menantew nnɛ ne ɔkyena ne nʼadekyee, na otwa ara na etwa sɛ odiyifo bewu wɔ Yerusalem!