Luke 13:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Yesu buu wɔn bɛ yi sɛ, “Ɔbarima bi duaa borɔdɔma wɔ ne turo mu. Ɛda bi ɔkɔɔ turo no mu hɔ sɛ ɔrekɔte ɛso aba no bi nanso wannya bi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔbuu wɔn bɛ yi sɛ: Obi wɔ borɔdɔma a wadua wɔ ne bobe turom; na ɔba bɛhwehwɛɛ so aba, na wannya bi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbuu wɔn bɛ yi sɛ: Obi wɔ borɔdɔma a wadua wɔ ne bobe turom; na ɔba bɛhwehwɛɛ so aba, na wannya bi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na obuu wɔn bɛ yi sɛ: Obi wɔ borɔdɔma a wadua wɔ ne bobe turom; na ɔbae bɛhwehwɛɛ so aba, na wannya bi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei Yesu buu wɔn bɛ yi se, “Ɔbarima bi duaa borɔdɔma wɔ ne turo mu. Da bi ɔkɔɔ turo no mu hɔ sɛ ɔrekɔtew so aba no bi nanso wannya bi.