Luke 15:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ nʼagya no sɛ, ‘Me agya, fa me kyɛfa a mewɔ wɔ wʼagyapadeɛ mu no ma me!’ Ɔbarima no kyɛɛ nʼagyapadeɛ mu de ne ba no kyɛfa maa no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Agya, fa ahodeɛ a ɛbɛyɛ me dea no ma me! Na ɔkyɛɛ n’asetenadeɛ mu maa wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Agya, fa ahodeɛ a ɛbɛyɛ me dea no ma me! Na ɔkyɛɛ n’asetenadeɛ mu maa wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Agya, fa ahode a ɛbɛyɛ me dea no ma me! Na ɔkyɛɛ n’ahode mu maa wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ nʼagya no se, ‘Mʼagya, fa me kyɛfa a mewɔ wɔ wʼagyapade mu no ma me!’ Ɔbarima no kyɛɛ nʼagyapade mu de ne ba no kyɛfa maa no.