Luke 15:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Nʼani baa ne ho so no, ɔkaa sɛ, ‘Apaafoɔ a wɔwɔ mʼagya efie didi mee, ma ebi ka ma wɔto gu. Adɛn na mete ha na ɛkɔm rekum me yi!
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na n’ani baa ne ho soɔ no, ɔkaa sɛ: Apaafoɔ ahe na m’agya nnie a wɔnnya aduane ma no mmoro soɔ; na me deɛ, ɛkɔm rekum me yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na n’ani baa ne ho soɔ no, ɔkaa sɛ: Apaafoɔ ahe na m’agya nnie a wɔnnya aduane ma no mmoro soɔ; na me deɛ, ɛkɔm rekum me yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na n’ani baa ne ho so no, ɔkae sɛ: Apaafo ahe na m’agya nni a wonnya aduan mma ɛmmoro so; na me de, ɔkɔm rekum me yi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Nʼani baa ne ho so no, ɔkae se, ‘Apaafo a wɔwɔ mʼagya fi didi mee, ma bi ka ma wɔtow gu. Adɛn na mete ha na ɔkɔm rekum me yi!