Luke 19:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Nanso, wɔsii no ɔhene ma ɔsane kɔɔ baabi a na ɔyɛ adwuma no. Ɔduruiɛ no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ edu no sɛ, wɔmmɛbu sika a ɔde maa wɔn no ho nkonta nkyerɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛbaa sɛ ɔnyaa ahennie no na ɔsane baeɛ no, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfrɛ ne nkoa a ɔde sika no maa wɔn no mmrɛ no, na ɔnhunu deɛ obiara adi dwa anya.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛbaa sɛ ɔnyaa ahennie no na ɔsane baeɛ no, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfrɛ ne nkoa a ɔde sika no maa wɔn no mmrɛ no, na ɔnhunu deɛ obiara adi dwa anya.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛbae sɛ onyaa ahenni no na ɔsan bae no, ɔhyɛe sɛ wɔmfrɛ ne nkoa a ɔde sika no maa wɔn no mmrɛ no, na onhu nea obiara adi gua anya.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Nanso wosii no hene ma ɔsan kɔɔ faako a na ɔyɛ adwuma no. Odui no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfo du no se, wommebu sika a ɔde maa wɔn no ho akontaa nkyerɛ no.