Luke 2:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a abɔfokuo yi sane kɔɔ ɔsoro no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Momma yɛnkɔ Betlehem hɔ na yɛnkɔhwɛ saa anwanwasɛm a asi wɔ hɔ a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛbaa sɛ abɔfoɔ no firii wɔn nkyɛn kɔɔ soro no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho sɛ: Momma yɛnkɔ Betlehem, na yɛnkɔhwɛ asɛm a aba a Awurade ayi akyerɛ yɛn yi ɛ!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛbaa sɛ abɔfoɔ no firii wɔn nkyɛn kɔɔ soro no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho sɛ: Momma yɛnkɔ Betlehem, na yɛnkɔhwɛ asɛm a aba a Awurade ayi akyerɛ yɛn yi ɛ!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛbae sɛ abɔfo no fii wɔn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Momma yɛnkɔ Betlehem, na yɛnkɔhwɛ nea aba a Awurade ayi akyerɛ yɛn yi ɛ!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a abɔfokuw yi san kɔɔ ɔsoro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Momma yɛnkɔ Betlehem hɔ na yɛnkɔhwɛ saa anwonwasɛm a asi wɔ hɔ a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi.”