Luke 2:37 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ne kunu no wuo akyi no, ɔyɛɛ kuna kɔsii sɛ ɔdii mfeɛ aduɔwɔtwe ɛnan, na ɛberɛ biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadie ne mpaeɛbɔ som Onyankopɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔyɛ okunafoɔ a wadi bɛyɛ mfirinhyia aduɔwɔtwe nnan, na ɔmpa asɔrefie hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Onyankopɔn adesaeɛ ne adekyeeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔyɛ okunafoɔ a wadi bɛyɛ mfirinhyia aduɔwɔtwe nnan, na ɔmpa asɔrefie hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Onyankopɔn adesaeɛ ne adekyeeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔyɛ okunafo a wadi bɛyɛ sɛ mfirihyia aduɔwɔtwe anan, na ɔmpa asɔrefi hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Nyankopɔn adesae ne adekyee.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ne kunu no wu akyi no, ɔyɛɛ kuna kosii sɛ odii mfe aduɔwɔtwe anan, na bere biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadi ne mpaebɔ som Onyankopɔn.