Luke 20:46 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Monhwɛ mo ho so yie wɔ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ho. Ɛberɛ biara wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntadeɛ pa, hwehwɛ sɛ nnipa hu wɔn badwa mu a, wɔde obuo kyea wɔn, na sɛ wɔkɔ asɔredan mu nso a, wɔtena mpanin tenabea. Saa ara nso na sɛ wɔkɔ apontoɔ ase a, wɔtena mpanin tenabea.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Monhwɛ mo ho yie Atwerɛfoɔ a wɔpɛ ntadeɛ atentene mu nanteɛ, na wɔpɛ edwa mu nkyea ne mpanimfoɔ nkonnwa hyia adan mu, ne mpanimfoɔ tenabea adidie ase no ho;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Monhwɛ mo ho yie Atwerɛfoɔ a wɔpɛ ntadeɛ atentene mu nanteɛ, na wɔpɛ edwa mu nkyea ne mpanimfoɔ nkonnwa hyia adan mu, ne mpanimfoɔ tenabea adidie ase no ho;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Monhwɛ mo ho yiye Akyerɛwfo a wɔpɛ ntade atenten mu nantew, na wɔpɛ gua so nkyia ne mpanyin nkongua hyia adan mu ne mpanyin tenabea adidi ase no ho;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ho. Bere biara wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntade pa, hwehwɛ sɛ nnipa hu wɔn bagua mu a wɔde obu kyia wɔn, na sɛ wɔkɔ asɔredan mu nso a, wɔtena mpanyin tenabea. Saa ara nso na sɛ wɔkɔ aponto ase a, wɔtena mpanyin tenabea.