Luke 22:59 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛbɛyɛ dɔnhwereɛ akyi no, obi foforɔ nso sane hunuu no ka sii so dua sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ saa damfo yi ka Yesu asuafoɔ no ho, ɛfiri sɛ, ɔno nso yɛ Galileani, na ne kasa koraa da no adi.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛno akyi bɛyɛ dɔnhwere baako no, ɔfoforɔ bi nso de bɛtoo so sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam ampa, ɛfiri sɛ ɔyɛ Galileani.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛno akyi bɛyɛ dɔnhwere baako no, ɔfoforɔ bi nso de bɛtoo so sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam ampa, ɛfiri sɛ ɔyɛ Galileani.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛno akyi bɛyɛ sɛ dɔnhwerew biako no, ɔfoforo bi nso de bɛtoo so sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam ampa, efisɛ ɔyɛ Galileani.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛbɛyɛ dɔnhwerew akyi no, obi foforo nso san huu no ka sii so dua se, “Akyinnye biara nni ho sɛ saa damfo yi ka Yesu asuafo no ho, efisɛ ɔno nso yɛ Galileani, na ne kasa koraa da no adi.”