Luke 23:41 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yɛn deɛ, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na yei deɛ, ɔnyɛɛ bɔne biara.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yɛn deɛ, deɛ ɛtene pɛpɛɛpɛ, na yɛanya deɛ ɛsɛ yɛn nneyɛɛ no; na oyi deɛ, ɔnyɛɛ mfomsoɔ adeɛ biara.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yɛn deɛ, deɛ ɛtene pɛpɛɛpɛ, na yɛanya deɛ ɛsɛ yɛn nneyɛɛ no; na oyi deɛ, ɔnyɛɛ mfomsoɔ adeɛ biara.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na yɛn de de, ɛteɛ pɛpɛɛpɛ, na yɛanya nea ɛsɛ yɛn nneyɛe no; na oyi de, ɔnyɛɛ mfomso ade biara.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yɛn de, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na oyi de, ɔnyɛɛ bɔne biara.”