Luke 4:36 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Asɛm bɛn ni. Onipa bɛn ni a ɔde tumi ne ahoɔden tea ahonhommɔne ma wɔtie yi?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Asɛm bɛn ni, sɛ ɔde ahoɔden ne tumi hyɛ ahonhom fi ma wɔfiri adi yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Asɛm bɛn ni, sɛ ɔde ahoɔden ne tumi hyɛ ahonhom fi ma wɔfiri adi yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔn nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Asɛm bɛn ni, sɛ ɔde ahoɔden ne tumi hyɛ ahonhom fi ma wofi adi yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn, na wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Asɛm bɛn ni. Onipa bɛn ni a ɔde tumi ne ahoɔden teɛ ahonhommɔne ma wotie yi?”