Luke 4:38 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yesu firii hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon efie kɔtoo sɛ huraeɛnini abɔ Simon ase baa. Nnipa a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnsa no yadeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔsɔre firii hyiadan mu hɔ baa Simon fie. Na Simon ase baa afoɛ kɛse, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmmɛhwɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔsɔre firii hyiadan mu hɔ baa Simon fie. Na Simon ase baa afoɛ kɛse, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmmɛhwɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔsɔre fii hyiadan no mu hɔ baa Simon fi. Na atiridii dennen bi abɔ Simon n’asebea, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmmɛhwɛ no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yesu fii hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon fi kɔtoo sɛ atiridiinini abɔ Simon asebea. Nnipa a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnsa no yare.