Luke 4:43 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ meka Asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn Ahennie ho no mekyerɛ afoforɔ nso, ɛfiri sɛ, ɛno enti na wɔsomaa me.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛsɛ sɛ meka Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa no mekyerɛ nkuro foforɔ nso; ɛfiri sɛ yei na wɔbɔɔ din somaa me.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛsɛ sɛ meka Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa no mekyerɛ nkuro foforɔ nso; ɛfiri sɛ yei na wɔbɔɔ din somaa me.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no mekyerɛ nkurow foforo nso; efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛsɛ sɛ meka asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn ahenni ho no kyerɛ nkurow afoforo nso, efisɛ ɛno nti na wɔsomaa me.”