Luke 5:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yesu hyɛɛ no sɛ, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛɛ sɛ akwatafoɔ a wɔn ho ate no mmɔ sɛ adansedie no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔbaraa no sɛ ɔnnka nnkyerɛ obiara; na ɔse: Kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na w’ahofire nti kɔma sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ wɔn adanseɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbaraa no sɛ ɔnnka nnkyerɛ obiara; na ɔse: Kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na w’ahofire nti kɔma sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ wɔn adanseɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔbraa no sɛ ɔnnka nnkyerɛ obiara; na ose: Kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na w’ahofi nti kɔma sɛnea Mose hyɛe no, na ɛnyɛ wɔn adanse.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yesu hyɛɛ no se, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo na bɔ afɔre a Mose hyɛɛ sɛ akwatafo a wɔn ho afi no mmɔ sɛ adansedi no.”