Luke 5:27 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei akyi no, Yesu firii hɔ kɔhunuu ɔtogyeni Lewi sɛ ɔte atogyeɛ. Ɔhunuu no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bɛdi mʼakyi.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yei akyiri no, ɔfirii adi, na ɔkɔhunuu togyeni bi a ne din de Lewi sɛ ɔte atogyeeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yei akyiri no, ɔfirii adi, na ɔkɔhunuu togyeni bi a ne din de Lewi sɛ ɔte atogyeeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na eyi akyi no, ofii adi, na okohuu towgyeni bi a ne din de Lewi sɛ ɔte atowgyei, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyi akyi no, Yesu fii hɔ kohuu ɔtowgyeni Lewi sɛ ɔte atowgyei. Ohuu no no, ɔka kyerɛɛ no se, “Bedi mʼakyi.”