Luke 5:37 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Obiara nso mmfa nsã foforɔ ngu mmoa nwoma nsã nkotokuo dada mu. Ɔyɛ saa a, nsã no bɛpaapae nkotokuo no na ahwie agu na nkotokuo no nso asɛe.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na obi mfa nsa foforɔ ngu nwoma nkotokuo dada mu; anyɛ saa a, nsa foforɔ no bɛma nkotokuo no apaepae, na ahwiehwie agu, na nkotokuo no asɛesɛe.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na obi mfa nsa foforɔ ngu nwoma nkotokuo dada mu; anyɛ saa a, nsa foforɔ no bɛma nkotokuo no apaepae, na ahwiehwie agu, na nkotokuo no asɛesɛe.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na obi mfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu; anyɛ saa a, nsa foforo no bɛma nkotoku no apaepae, na ahwiehwie agu, na nkotoku no asɛesɛe.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Obiara nso mfa nsa foforo ngu mmoa nhoma nsa nkotoku dedaw mu. Ɔyɛ saa a nsa no bɛpaapae nkotoku no na ahwie agu na nkotoku no nso asɛe.