Luke 6:40 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Osuani nsene ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ. Nanso, sɛ ɔyere ne ho sua deɛ wɔrekyerɛ no no yie a ɔbɛsɛ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Osuani nsene ne kyerɛkyerɛfoɔ; deɛ wasua biribi ahunu na ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Osuani nsene ne kyerɛkyerɛfoɔ; deɛ wasua biribi ahunu na ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo; nea wasua biribi ahu na ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Osuani nsen ne wura. Nanso sɛ ɔyere ne ho sua nea wɔrekyerɛ no no yiye a ɔbɛsɛ ne wura no.