Luke 7:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a abɔfoɔ no sane kɔduruu efie hɔ no, wɔhunuu sɛ ɔsomfoɔ no ho ayɛ no den.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔn a wɔsomaa wɔn no sane kɔɔ fie no, wɔkɔhunuu akoa a na ɔyareɛ no sɛ ne ho ayɛ no den.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔn a wɔsomaa wɔn no sane kɔɔ fie no, wɔkɔhunuu akoa a na ɔyareɛ no sɛ ne ho ayɛ no den.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔn a wɔsomaa wɔn no san kɔɔ fie no, wokohuu akoa a ɔyaree no sɛ ne ho ayɛ no den.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a abɔfo no san koduu fie hɔ no, wohuu sɛ ɔsomfo no ho ayɛ no den.