Luke 7:25 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɛnneɛ na ɛdeɛn na mohunuiɛ? Anaa na mosusu sɛ mobɛhunu ɔbarima bi a wahyehyɛ sɛ ɔhene ba te ahemfie?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Anaasɛ ɛdeɛn na mofiri kɔhwɛeɛ? Onipa a ɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade pa na wɔn asetena mu yɛ wɔn dɛ wɔ ahemfie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Anaasɛ ɛdeɛn na mofiri kɔhwɛeɛ? Onipa a ɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade pa na wɔn asetena mu yɛ wɔn dɛ wɔ ahemfie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Anaasɛ ɛdɛn na mufi kɔhwɛe? Onipa a ɔhyɛ ntade bɔkɔɔ? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade pa na wɔn asetenam yɛ wɔn dɛ wɔ ahemfi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno de, dɛn na muhui? Obi a ofura sirikyi ana? Ahemfi na yehu wɔn a wodi yiye na wofura ntama pa.