Luke 7:27 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na saa Yohane yi na Atwerɛsɛm no ka fa ne ho sɛ, “ ‘Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan, ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Oyi ne deɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim a ɔbɛsiesie wo kwan adi w’anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Oyi ne deɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim a ɔbɛsiesie wo kwan adi w’anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Oyi ne nea wɔakyerɛw ne ho asɛm sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfo adi w’anim a obesiesie wo kwan adi w’anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na saa Yohane yi na Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho se, “ ‘Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan. Ɔno na obesiesie kwan ama wo.’