Luke 7:29 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔn a wɔtee deɛ ɔkaeɛ no nyinaa a ɔtogyefoɔ mpo ka ho bi gye too mu sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔteneneeni; na wɔsakyeraa wɔn adwene maa Yohane bɔɔ wɔn asu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
(Na nkurɔfoɔ a wɔteeɛ nyinaa ne togyefoɔ gyee Onyankopɔn nnwuma too mu maa wɔde Yohane asubɔ no bɔɔ wɔn asu;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
(Na nkurɔfoɔ a wɔteeɛ nyinaa ne togyefoɔ gyee Onyankopɔn nnwuma too mu maa wɔde Yohane asubɔ no bɔɔ wɔn asu;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
(Na nkurɔfo a wɔtee nyinaa ne towgyefo gyee Onyankopɔn nnwuma too mu ma wɔde Yohane asubɔ no bɔɔ wɔn asu;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔn a wɔtee nea ɔkae no nyinaa a towgyefo mpo ka ho bi gye too mu se, Onyankopɔn yɛ ɔtreneeni; na wɔsakraa wɔn adwene maa Yohane bɔɔ wɔn asu.