Luke 8:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Aba a ɛguu abotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no na wɔde anigyeɛ sɔ mu, nanso ɛntim wɔn mu. Na ɛsiane wɔn gyidie a ɛsua no enti, ɛnkyɛre na asɛm no awu. Na sɛ sɔhwɛ ba wɔn so a, wɔpa aba.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɔbotan so deɛ no ne wɔn a wɔte asɛm no a, wɔde anigyeɛ gyeɛ, nanso yeinom nni nhini, na wɔgye di ma no kyɛre kakra, na sɔhwɛ berɛ ba a, na wɔagyae.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɔbotan so deɛ no ne wɔn a wɔte asɛm no a, wɔde anigyeɛ gyeɛ, nanso yeinom nni nhini, na wɔgye di ma no kyɛre kakra, na sɔhwɛ berɛ ba a, na wɔagyae.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɔbotan so de no ne wɔn a wɔte asɛm no a, wɔde anigye gye, nanso eyinom nni ntini, na wogye di ma ɛkyɛ kakra, na sɔhwɛ bere ba a, na wɔagyae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Aba a eguu ɔbotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no na wɔde anigye so mu, nanso ɛntena wɔn mu. Na esiane wɔn gyidi a esua nti, ɛnkyɛ na asɛm no awu. Na sɛ sɔhwɛ ba wɔn so a, wɔpa abaw.