Luke 8:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, na wɔdi so, nanso asetena mu haw ne abɛbrɛsɛ, ahonya ne ewiase afɛfɛdeɛ enti, asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma sɛdeɛ ɛsɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na deɛ ɛguu nkasɛɛ mu no ne wɔn a wɔteɛ, na wɔnam asetena yi mu dadwene ne haw ne ahonya ne anigyedeɛ mu na ɛmia wɔn, na wɔn aba no mmere nwie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na deɛ ɛguu nkasɛɛ mu no ne wɔn a wɔteɛ, na wɔnam asetena yi mu dadwene ne haw ne ahonya ne anigyedeɛ mu na ɛmia wɔn, na wɔn aba no mmere nwie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nea eguu nsɔe mu no ne wɔn a wɔte, na wɔnam asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonya ne anigyede mu na emia wɔn, na wɔn aba no mmere yiye.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Aba a eguu nsɔe mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, na wodi so, nanso asetena mu haw ne abɛbrɛsɛ, ahonya ne wiase afɛfɛde nti, asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma sɛnea ɛsɛ.